(1) 1. Adeε a εwͻ soro ne adeε a εwͻ asaase so nyinaa bͻ Ɔhene, Kronkron, Otumfoͻ, Nyansafoͻ Nyankopͻn no abodin.
(2) 2. Ɔno na W’ayi Ɔsomafoͻ afri fratamfoͻ no mu a ͻrekenkan Nensεm no kyerε wͻn, na ͻrete wͻn ho (fri abosomsom fii ho), εna ͻrekyerε wͻn (Qur’aan) Nwoma no ne Nyansa no, εwom sε kane no na anka wͻn wͻ ͻyera pefee mu deε.
(3) 3. (Wasan nso asoma no ama) wͻn mu wᴐn a wͻ’nnya mεkaa wͻn ho. Ɔne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Onyansafoͻ no.
(4) 4. Woi yε Nyankopͻn adom, Ɔdema obi a Ɔpε. Nyankopͻn na Adom kεseε no yε Nedea.
(5) 5. Wͻn a yεde Tora hyεε wͻn nsa na wͻ’amfa anyε adwuma no, wͻn mfatoho tesε afunumu a ͻso nkrataa. Mfatoho bͻne paa na εwͻ hͻ ma amanfoͻ no a wͻ’fa Nyankopͻn nsεm no atorᴐsԑm. Nyankopͻn deε Ɔnkyerε abͻnefoͻ no kwan.
(6) 6. (Nkͻmhyεni), ka sε: “Mo Yudafoͻ, sε moadwen yε mo sε monko ara ne Nyankopͻn adͻfo, na nnipa a aka no deε wͻ’nka ho a, εneε moma mokͻn nͻ owuo, sε moyε nokwafoͻ ampa a.
(7) 7. Nanso wͻn kͻn nnͻ (owuo) da, εnam dwuma a wͻnsa adi ato wͻn anim no ho nti. Nyankopͻn deε Onim abͻnefoͻ no.
(8) 8. (Nkͻmhyεni), ka sε: “Nokorε sε, owuo no a moredwane no no, ampa sε ͻbehyia mo, na afei moasan akͻ Kokoa mu ne Badwa mu Nimdefoͻ no hͻ, na afei W’abͻ mo dwuma a modiiε no (nyinaa) ho amaneε.
(9) 9. Mo a moagye adie, sε yεyε Azaan dema Efiada Nyame frε no a, monyε no ntεm nkͻkaekae Nyankopͻn, na monyae adwadie no. Woi na εyε papa ma mo, sε anka monim a.
(10) 10. Nasε mowie Nyamefrε no a, monhwete wͻ asaase no so na monkͻhwehwε Nyankopͻn adom no; na monkae Nyankopͻn pii sεdeε mobedi nkonim.
(11) 11. Nanso sε wͻ’hunu adwadideε, anaa anigyesεm bi a, na wͻ’akyere akͻgu so, na wͻ’agya wo hͻ ama wogyina hͻ. Ka sε: “Deε εwͻ Nyankopͻn hͻ no yε kyεn anigyesεm ne adwadie no. Onyankopͻn na Ɔkyε akyεdeε pa paa, anaa Ͻbᴐ nnipa akᴐnhoma pa.